Genesis 27:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buaa sɛ, “ Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Isak bisaa ne ba no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ɔse: Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na ɔmaa me hyiaa yie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Isak bisaa ne ba no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ɔse: Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na ɔmaa me hyiaa yie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Isak ka kyerɛɛ ne ba no sɛ, ɛyɛɛ dɛn na wunyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ose: Efisɛ Awurade wo Nyankopɔn na ɔma ebehyiaa me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Isak bisaa ne ba no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?” Yakob buae se, “ Awurade, wo Nyankopɔn no, na ogyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”