Genesis 27:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔkaa ne ba panin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau rekyekyere ne werɛ sɛ ɔrebɛku wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔkaa ne ba panin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau rekyekyere ne werɛ sɛ ɔrebɛku wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔkaa ne ba panyin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau kyekye ne werɛ sɛ, ɔrebekum wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn na Rebeka amanneɛ. Enti Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no se, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ onya wo a, obekum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.