Genesis 29:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛhɔ na wɔboa nnwankuo nyinaa ano, na wɔmuni ɔboɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nom, na wɔmuni ɔboɔ no to abura no so bio wɔ ne daberɛ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛhɔ na wɔboa nnwankuo nyinaa ano, na wɔmuni ɔboɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nom, na wɔmuni ɔboɔ no to abura no so bio wɔ ne daberɛ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛhɔ na wɔboa nguankuw nyinaa ano, na wopirew ɔbo no fi abura no ano, na wɔma nguan no nom, na wopirew ɔbo no to abura no so bio wɔ ne dabere hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere biara a nguankuw no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nguanhwɛfo no pirew ɔbo no fi abura no ano ma nguan no nsu nom. Sɛ nguan no nom nsu no wie a, na nguanhwɛfo no asan de ɔbo no akata abura no ano.