Genesis 30:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ayuotwaberɛ mu ɛda bi, Ruben kɔɔ afuom kɔhunuu afifideɛ bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne maame Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ayuo twaberɛ mu no, Ruben firii adi kɔhunuu dudaim wɔ wiram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ayuo twaberɛ mu no, Ruben firii adi kɔhunuu dudaim wɔ wiram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na awi twabere mu no, Ruben fii adi kohuu mandrake wɔ wuram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”