Genesis 30:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɛda no anwummerɛ a Yakob firi afuom reba no, Lea kɔhyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, ɛfiri sɛ, mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti, Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na anwummere a Yakob fi wuram reba no, Lea fii adi kohyiaa no kae sɛ: Bra me nkyɛn, efisɛ ɔtɔ na mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no dae anadwo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.