Genesis 30:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Lea kaa sɛ, “Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ a ɛsom bo yie. Afei deɛ, manya me kunu anim animuonyam. Ɔde obuo ne anidie bɛma me, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasia ama no. Enti, ɔtoo abarimaa no edin Sebulon a, asekyerɛ ne Animuonyam.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ pa, afei deɛ, me kunu ne me bɛtena yie, ɛfiri sɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ pa, afei deɛ, me kunu ne me bɛtena yie, ɛfiri sɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛde pa, afei de, me kunu ne me bɛtena yiye, efisɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon, ase ne: Atenaye.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.”