Genesis 30:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Laban bisaa Yakob sɛ, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buaa sɛ, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisadeɛ baako pɛ yi ama me deɛ a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na memma woɔ? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama me deɛ a, mɛsane mabɛyɛne wo nnwan na mahwɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na memma woɔ? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama me deɛ a, mɛsane mabɛyɛne wo nnwan na mahwɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose: ɛdɛn na memma wo? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama me de a, mɛsan mabɛyɛn wo nguan na mahwɛ wɔn:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no.