Genesis 31:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mene Nyankopɔn a wohyiaa no Betel faako a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ maa me no; afei sɔre firi asase yi so, na sane kɔ w’abusua asase so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mene Nyankopɔn a wohyiaa no Betel faako a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ maa me no; afei sɔre firi asase yi so, na sane kɔ w’abusua asase so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mene Nyankopɔn a wuhyiaa no Betel a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ wɔ hɔ maa me no; afei sɔre fi asase yi so, na san kɔ w'abusua asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ”