Genesis 31:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no wɔ bepɔ Gilead so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Laban faa ne nkurɔfoɔ kaa ne ho tii no nnanson kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Laban faa ne nkurɔfoɔ kaa ne ho tii no nnanson kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔfaa ne nkurɔfo kaa ne ho tiw no nnansɔn kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔw so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Laban faa ne fifo kaa ne ho, de anibere tiw Yakob. Nnanson akyi ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfo no wɔ bepɔw Gilead so.