Genesis 31:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, sɛ wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ.” Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ wobɛhunu w’anyame wɔ ne nsa mu no rentena ase. Yɛn nkurɔfoɔ yi anim na hwehwɛ deɛ ɛyɛ wo dea wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ Rahel na ɔwiaeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ wobɛhunu w’anyame wɔ ne nsa mu no rentena ase. Yɛn nkurɔfoɔ yi anim na hwehwɛ deɛ ɛyɛ wo dea wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ Rahel na ɔwiaeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea wubehu w'anyame wɔ ne nsam no rentena ase. Yɛn nkurɔfo yi anim na hwehwɛ nea ɛyɛ wo de wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ, Rahel na owiae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ sɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.