Genesis 31:37 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wobɛhwehwɛɛ me nnoɔma mu nyinaa yi, wo fie mu adeɛ bɛn na woahunu wɔ mu? Saa! Fa bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ anim wɔ ha, na wɔmmu yɛn baanu ntam atɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wobɛhwehwɛɛ me nnoɔma mu nyinaa yi, wo fie mu adeɛ bɛn na woahunu wɔ mu? Saa! Fa bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ anim wɔ ha, na wɔmmu yɛn baanu ntam atɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ worebɛhwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, wo fi mu ade bɛn na woahu wɔ mu? Saa, fa bɛto me nkurɔfo ne wo nkurɔfo anim wɔ ha, na wommu yɛn baanu ntam atɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.