Genesis 31:43 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Laban buaa Yakob sɛ, “Mmaa no yɛ me mmammaa, mmɔfra no nso yɛ me nananom, ɛnna nnwankuo no nso yɛ me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa yɛ me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Laban bua see Yakob sɛ: Mma mmaa yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nnwan yi, me nnwan a, na deɛ wohunu yi nyinaa, me dea. Na me mmammaa yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ wɔn nnɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Laban bua see Yakob sɛ: Mma mmaa yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nnwan yi, me nnwan a, na deɛ wohunu yi nyinaa, me dea. Na me mmammaa yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ wɔn nnɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Laban bua see Yakob sɛ: Mmabea yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nguan yi, me nguan a, na nea wuhu yi nyinaa, me dea. Na me mmabea yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, menyɛ wɔn dɛn nnɛ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne?