Genesis 31:53 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.” Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n'agya Isak suro ho ntam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ma Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn nyɛ otemmufo wɔ me ne wo ntam.” Enti Yakob de nʼagya Isak Nyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɔhye no.