Genesis 32:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na ɔyii deɛ ɛwɔ ne nsa mu bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na oyii nea ɛwɔ ne nsam bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa da no, ɔdaa hɔ. Na oyii nʼagyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma ne nua Esau.