Genesis 32:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuakuo, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsene nni m’anim, na momma kuo ne kuo ntam ntwe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuakuo, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsene nni m’anim, na momma kuo ne kuo ntam ntwe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuwakuw, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsen nni me kan, na momma kuw ne kuw ntam mpan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.”