Genesis 32:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yakob sane ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔdi ɛkan no sɛ, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Hwan asomfoɔ ne mo? Mofiri he na morekɔ he na hwan mmoa na mode wɔn nam yi a,’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhyɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau bɛhyia wo, na ɔbisa wo sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na yeinom a ɛdi w’anim yi yɛ hwan dea?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhyɛɛ deɛ ɔdi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau bɛhyia wo, na ɔbisa wo sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na worekorɔ, na yeinom a ɛdi w’anim yi yɛ hwan dea?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhyɛɛ nea odi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau behyia wo, na obisa wo sɛ: Hena nipa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na eyinom a edi w'anim yi yɛ hena dea?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yakob san ka kyerɛɛ nʼasomfo a wodi kan no se, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na obisa mo se, ‘Hena asomfo ne mo, mufi he na morekɔ he na hena mmoa na mode wɔn nam yi a?’