Genesis 32:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyiri reba.’ ” Ɛfiri sɛ, na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛdeɛ ahodoɔ a mede asoma adi ɛkan yi bɛpata no, na sɛ akyire no ɔhunu me a, wagye me ato mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w’akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Afei ɔkaa sɛ: Mede ayɛyɛdeɛ a ɛdi m’anim yi merekɔpata no, ansa na mahunu n’anim; ebia ɔbɛhwɛ m’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w’akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Afei ɔkaa sɛ: Mede ayɛyɛdeɛ a ɛdi m’anim yi merekɔpata no, ansa na mahunu n’anim; ebia ɔbɛhwɛ m’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w'akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Na ose: Mede ayɛyɛde a edi m'anim yi merekɔpata no, ansa na mahu n'anim; ebia ɔbɛhwɛ m'anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’ ” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.”