Genesis 33:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?” Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Esau maa n’ani so hunuu mmaa no ne wɔn mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom ne yeinom a wɔka wo ho yi? Na Yakob buaa sɛ: Ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w’akoa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Esau maa n’ani so hunuu mmaa no ne wɔn mma no, ɔkaa sɛ: Hwannom ne yeinom a wɔka wo ho yi? Na Yakob buaa sɛ: Ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w’akoa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Esau maa nʼani so huu mmea no ne mmofra no. Obisaa Yakob se, “Eyinom yɛ hefo.” Obuae se, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa no.”