Genesis 34:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yakob mmammarima no kasa de nnaadaa buaa Sekem n’agya Hamor ɛfiri sɛ wagu wɔn nuabaa Dina ho fi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yakob mmammarima no kasa de nnaadaa buaa Sekem n’agya Hamor ɛfiri sɛ wagu wɔn nuabaa Dina ho fi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yakob mmammarima no kasae de nnaadaa buaa Sekem ne n'agya Hamor, efisɛ wagu wɔn nuabea Dina ho fi,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi.