Genesis 34:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnansa akyiri a na twetiatwa no enti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wɔgye wɔn ho a ɛnnye no, Yakob mmammarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuammarima no faa wɔn mpea. Wɔkɔto hyɛɛ kuro no so, ɛberɛ a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkumm mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ne yea kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fefaa wɔn nkrantɛ kɔɔ kuro no so mpofirim kɔkunkumm mmarima nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ne yea kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fefaa wɔn nkrantɛ kɔɔ kuro no so mpofirim kɔkunkumm mmarima nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na da a ɛto so abiɛsa a ne yaw kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fofaa wɔn nkrante kɔɔ kurow no so mpofirim kokum mmarima nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa.