Genesis 34:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama ɛnnɛ me ho koraa abɔn Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ a mete wɔn asase so yi. Yɛn nnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bom, bɛto hyɛ yɛn so a, wɔbɛhye me ne mʼasefoɔ nyinaa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yakob ka kyerɛɛ, Simeon ne Lewi sɛ: Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so, Kanaanfo ne Perisifo. Na me de, meyɛ asafo a misua yi, wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba me so abekum me, na wɔasɛe me ne me fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.”