Genesis 34:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yakob tee sɛ wagu ne babaa Dina ho fi. Nanso ɛnam sɛ na ne mmammarima no wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wiram no, enti ɔyɛɛ komm de kɔsii sɛ wɔbaa fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yakob tee sɛ wagu ne babaa Dina ho fi. Nanso ɛnam sɛ na ne mmammarima no wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wiram no, enti ɔyɛɛ komm de kɔsii sɛ wɔbaa fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yakob tee sɛ wahyɛ ne babea Dina ne no ada no; nso na ne mmammarima wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wuram, enti Yakob yɛɛ komm de kosii sɛ wɔbaa fie.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae.