Genesis 35:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ woduru hɔ a, si afɔrebukyia ma me. Me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo ɛberɛ a na woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”