Genesis 35:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too hɔ edin El-Bet-El, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na ɛberɛ a ɔredwane afiri ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osii hɔ afɔremuka, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ase ne: Betel Nyankopɔn, efisɛ da a ɔreguan afi ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Osii afɔremuka wɔ hɔ, too hɔ din El-Bet-El, efisɛ ɛhɔ na bere a ɔreguan afi ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.