Genesis 36:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmammaa ne ne fiefoɔ nyinaa ne ne mmoa ne n’anantwie nyinaa ne n’ahonyadeɛ a ɔnyaeɛ wɔ Kanaan asase soɔ nyinaa, na ɔfirii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmammaa ne ne fiefoɔ nyinaa ne ne mmoa ne n’anantwie nyinaa ne n’ahonyadeɛ a ɔnyaeɛ wɔ Kanaan asase soɔ nyinaa, na ɔfirii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmabea ne ne fifo nyinaa ne ne mmoa ne n'anantwi nyinaa ne n'ahonyade a onyae wɔ Kanaan asase so nyinaa, na ofii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.