Genesis 37:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu. Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho ye anaa; na san bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no fii Hebron bon mu, na okoduu Sekem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho te dɛn, na san bɛka biribi kyerɛ me.” Enti Israel somaa Yosef fii Hebron subon no mu. Bere a Yosef duu Sekem no,