Genesis 38:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yuda gye too mu sɛ, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sen me, ɛfiri sɛ, mamfa no amma me babarima Sela anware.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yuda ani hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ɔtene sene me, ɛfiri sɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yuda ani hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ɔtene sene me, ɛfiri sɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yuda hui no, ɔkae sɛ ɔteɛ sen me, efisɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.