Genesis 38:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, hwɛ, ne nua no firii adi, na ɔkaa sɛ: Hwɛ sɛdeɛ woatete mu? Wo so na ntemu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, hwɛ, ne nua no firii adi, na ɔkaa sɛ: Hwɛ sɛdeɛ woatete mu? Wo so na ntemu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, na hwɛ, ne nua no fii adi, na ɔkae sɛ ɛdɛn na wotew mu? Wo so na ntewmu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres.