Genesis 39:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yosef nyaa n’anim adom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fie so, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yosef nyaa n’anim adom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fie so, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yosef nyaa n'anim dom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fi so, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yosef nyaa nʼanim adom ma ɔde no yɛɛ ne boafo. Ankyɛ koraa na Potifar de Yosef sii ne fifo so panyin, de nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa.