Genesis 39:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara. Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduan a ɔno ara di. Nso Yosef ho ne n'anim yɛ fɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔde nʼagyapade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapade ne nʼadwumade nyinaa hyɛɛ Yosef nsa nti, wannwene biribiara ho sɛ aduan a obedi nko ara. Na Yosef yɛ aberante a ɔwɔ nnyinaso, na ne ho nso yɛ fɛ yiye.