Genesis 4:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila sɛ, “Montie me, me yerenom makum aberanteɛ bi a, ɔto hyɛɛ me so, piraa me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ: Ada ne Sila, montie me nne; Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm: Mekumm ɔbarima sɛ ɔpiraa me, mekumm aberanteɛ sɛ ɔboroo me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ: Ada ne Sila, montie me nne; Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm: Mekumm ɔbarima sɛ ɔpiraa me, mekumm aberanteɛ sɛ ɔboroo me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ: Ada ne Sila, muntie me nne; Lamek yerenom, monyɛ aso mma m'asɛm: Mikum aberante bi sɛ opiraa me, na mikum aberante sɛ ɔboroo me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi, Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom Ada ne Sila se, “Muntie me, me yerenom makum aberante bi a, ɔtow hyɛɛ me so, piraa me.