Genesis 4:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ, “Ma yɛnkɔ afuom.” Ɛberɛ a wɔwɔ afuom hɔ no, Kain to hyɛɛ ne nua Habel so, kumm no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel se, “Ma yɛnkɔ afum.” Bere a wɔwɔ afum hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so, kum no.