Genesis 40:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na saa bobe dua no apan mman mmiɛnsa. Ɛguu nhyerɛnne, hyehyɛeɛ, nyiniiɛ, yɛɛ siaka bereeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na bobe no apae nkorabata mmiɛnsa, na ayɛ sɛdeɛ ɛrefefɛ, na anyini agu nhyerɛne, na abɔ esia ayɛ aba a abereɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na bobe no apae nkorabata mmiɛnsa, na ayɛ sɛdeɛ ɛrefefɛ, na anyini agu nhyerɛne, na abɔ esia ayɛ aba a abereɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na obobe no abɔ nkorabata abiɛsa, na ayɛ sɛ ɛrefefɛw, na anyin agu nhwiren, na abɔ akasiaw ayɛ aba a abere.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na saa bobe dua no wɔ mman abiɛsa. Eguu nhwiren, hyehyɛ nyin yɛɛ kasiaw beree.