Genesis 40:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me firii me manfoɔ Hebrifoɔ asase so de mebaa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ afɔdisɛm biara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so de me to afiase.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛfiri sɛ wia na wɔwiaa me Hebrifoɔ asase soɔ, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amena yi mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛfiri sɛ wia na wɔwiaa me Hebrifoɔ asase soɔ, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amena yi mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
efisɛ owia na wowiaa me Hebrifo asase so, na ɛha nso menyɛɛ hwee a anka ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto amoa yi mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efisɛ manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me fii me manfo Hebrifo asase so de me baa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ mfomso biara a ɛsɛ sɛ wogyina so de me to afiase.”