Genesis 41:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, na Hebrini aberantewaa bi a na ɔyɛ dabehene Potifar ɔsomfoɔ ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara daeɛ ase, kyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hebrini aberanteɛ bi a ɔyɛ ankɔbeafoɔ panin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkekaa yɛn daeɛ kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn yɛn daeɛ no ase, sɛdeɛ ebiara teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hebrini aberanteɛ bi a ɔyɛ ankɔbeafoɔ panin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkekaa yɛn daeɛ kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn yɛn daeɛ no ase, sɛdeɛ ebiara teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hebrini aberante bi a ɔyɛ ankɔbeafo so panyin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkeka kyerɛɛ no, na ɔkyerɛɛ yɛn, yɛn adae no ase, sɛnea ebiara te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ.