Genesis 41:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amonom hɔ ara, Farao soma ma wɔkɔyii Yosef firii afiase hɔ baeɛ. Ɔfiri afiase hɔ baeɛ no, ɔyii nʼabɔgyesɛ, sesaa nʼatadeɛ, baa Farao anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Farao soma maa wɔkɔfrɛɛ Yosef, na wɔyɛɛ ntɛm yii no firii afiase hɔ; na ɔyii ne tirinwi, na ɔsakyeraa ne ntadeɛ, na ɔbaa Farao anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Farao soma maa wɔkɔfrɛɛ Yosef, na wɔyɛɛ ntɛm yii no firii afiase hɔ; na ɔyii ne tirinwi, na ɔsakyeraa ne ntadeɛ, na ɔbaa Farao anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Yosef na wɔyɛɛ ntɛm yii no fii afiase hɔ, na woyii ne tinwin sakraa ne ntade, na ɔbaa Farao anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amono mu hɔ ara, Farao soma ma wokoyii Yosef fii afiase hɔ bae. Ofi afiase hɔ no, oyii nʼabogyesɛ, sesaa nʼatade, na ɔbaa Farao anim.