Genesis 41:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anantwie akɛseɛ nson no akyiri no, anantwie nson foforɔ a wɔafonfɔn ayeyɛ kanyakanya firii Asubɔnten Nil mu ba bɛgyinaa anantwie a wɔadodɔ sradeɛ no ho wɔ asuo no konkɔn so. Ɛfiri sɛ wɔwoo me, menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Misraim asase yi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, anantwie nson foforɔ nso a wɔyɛ kanyaa na wɔn ho yɛ tane yie, na wɔafomfɔn a menhunuu wɔn ho tane no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da dii wɔn akyiri bae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, anantwie nson foforɔ nso a wɔyɛ kanyaa na wɔn ho yɛ tane yie, na wɔafomfɔn a menhunuu wɔn ho tane no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da dii wɔn akyiri bae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, anantwi ason foforo nso a wɔyɛ kanyankanyan na wɔn ho yɛ tan yiye, na wɔafomfɔn a minhuu wɔn ho tan no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da, dii wɔn akyi bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya nso puei; minhuu anantwi a wɔyɛ tan bi saa wɔ Misraim asase so da.