Genesis 41:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnuane yi na mfeɛ nson a ɛkɔm bɛba Misraim asase so no, ɔmanfoɔ no bɛdi. Saa nnuane yi na wɔde bɛsie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ɛkɔm bɛbɔ ɔman no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ayɛ aduane a wɔakora ama asase no de asie mfirinhyia nson kɔm a ɛbɛba Misraim asase soɔ no, na asase no ansɛe wɔ ɛkɔm no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ayɛ aduane a wɔakora ama asase no de asie mfirinhyia nson kɔm a ɛbɛba Misraim asase soɔ no, na asase no ansɛe wɔ ɛkɔm no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ayɛ aduan a wɔakora ama asase no asie mfirihyia ason kɔm a ɛbɛba Misraim asase so no, na asase no ansɛe wɔ ɔkɔm no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnuan yi na mfe ason a ɔkɔm bɛba wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no bedi. Saa nnuan yi na wɔde besie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔm bɛbɔ ɔman no.”