Genesis 41:48 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa mfeɛ nson no mu no, Yosef boaboaa nnuane a ɛbuu so wɔ Misraiman mu no ano kɔkoraa no wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Aduane biara a wɔnya firii kuro biara mu no bi no, wɔde sie wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔboaboaa mfeɛ nson a ɛbaa Misraim asase soɔ no mu aduane nyinaa ano, na ɔde aduane no siee nkuro no mu; nkuraa a atwa ahyia no mu aduane na ɔde siee nkuro no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔboaboaa mfeɛ nson a ɛbaa Misraim asase soɔ no mu aduane nyinaa ano, na ɔde aduane no siee nkuro no mu; nkuraa a atwa ahyia no mu aduane na ɔde siee nkuro no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔboaboaa ahotɔ mfirihyia ason a ɛbaa Misraim asase so no mu aduan nyinaa ano, na ɔde aduan no siee nkurow no mu; nkuraa a atwa ho ahyia mu aduan na ɔde siee nkurow no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa mfe ason no mu no, Yosef boaboaa nnuan a ebuu so wɔ Misraimman mu no ano kɔkoraa wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Wɔde aduan biara a wonya fii kurow biara mu no bi siee wɔ hɔ.