Genesis 41:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei akyiri, nna faa Farao bio ma ɔsane soo daeɛ foforɔ. Ɔhunuu wɔ daeɛ no mu sɛ, ɛmo asiaka nson a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ aso wɔ ɛmo nan baako so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsane soo daeɛ bio, na hwɛ, ayuo mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na abɔ ma refifiri wɔ nan korɔ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsane soo daeɛ bio, na hwɛ, ayuo mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na abɔ ma refifiri wɔ nan korɔ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔdae, na ɔsoo dae bio, na hwɛ, awi mmɛtem ason a ɛtoatoa so na eye refifi wɔ nan koro so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nna faa Farao bio ma ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohuu wɔ dae no mu sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ asow wɔ ɔmo dua baako so.