Genesis 41:54 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson a ɛdi so no hyɛɛ aseɛ. Ɛkɔm kɛseɛ sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so deɛ, na aduane abu so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛkɔm mfeɛ nson no firii aseɛ bae, sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɛkɔm baa nsase nyinaa so na Misraim asase nyinaa so deɛ, na aduane wɔ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛkɔm mfeɛ nson no firii aseɛ bae, sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɛkɔm baa nsase nyinaa so na Misraim asase nyinaa so deɛ, na aduane wɔ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔm mfirihyia ason no fii ase bae, sɛnea Yosef kae no, na ɔkɔm baa nsaase nyinaa so. Na Misraim asase nyinaa so de, na aduan wɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason a edi so no fii ase. Ɔkɔm kɛse sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so de, na aduan abu so.