Genesis 41:56 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɛkɔm kɛseɛ no trɛtrɛɛ ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuane korabea no nyinaa ano, tɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm no ano yɛ den yie ma wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduanekora adan no nyinaa, na ɔtɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, na ɛkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduanekora adan no nyinaa, na ɔtɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, na ɛkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduankora adan no nyinaa, na ɔtɔn aburow maa Misraimfo no, na ɔkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ɔkɔm kɛse no trɛw faa ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuankorabea no nyinaa ano, tɔn aburow maa Misraimfo no, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den yiye ma wɔn.