Genesis 42:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ moyɛ nokwafoɔ ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha. Mo a moaka no nso, monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ moyɛ anokwafoɔ a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu baako ntena mo nnedua fie ha, na mo deɛ, ɛkɔm a ɛwɔ mo afie mu nti, monsoa aduane nkɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ moyɛ anokwafoɔ a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu baako ntena mo nnedua fie ha, na mo deɛ, ɛkɔm a ɛwɔ mo afie mu nti, monsoa aduane nkɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ moyɛ anokwafo a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu biako ntena mo nnedua fi ha, na mo de, ɔkɔm a ɛwɔ mo afi mu nti, momfa aduan no nkɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no.