Genesis 42:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Ɛkwan a mepɛ sɛ mefa so de sɔ mo hwɛ nie: Monnya mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburoo no bi nkɔma mo fiefoɔ a ɛkɔm rekum wɔn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Yei na mede bɛhunu sɛ moyɛ anokwafoɔ: Monnya mo nua baako wɔ me nkyɛn, na momfa aduane nkɔ nkɔhwɛ mo afiafi,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Yei na mede bɛhunu sɛ moyɛ anokwafoɔ: Monnya mo nua baako wɔ me nkyɛn, na momfa aduane nkɔ nkɔhwɛ mo afiafi,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Eyi na mede mehu sɛ moyɛ anokwafo: Munnyaw mo nua biako wɔ me nkyɛn, na momfa aduan nkɔ nkɔhwɛ mo fifo,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no.