Genesis 42:35 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a wɔrehwiehwie wɔn aburoo no afiri wɔn nkotokuo no mu no, obiara hunuu ne sika a anka ɔde rekɔtua aburoo no ka wɔ ne kotokuo no ano. Wɔne wɔn agya hunuu sika no, wɔn akoma tutuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ wɔreyiyi wɔn nkotokuo mu adeɛ no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛ boaa hyɛ ne kotokuo mu. Na wɔne wɔn agya hunuu wɔn dwetɛ mmoaa no, wɔsuroe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ wɔreyiyi wɔn nkotokuo mu adeɛ no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛ boa hyɛ ne kotokuo mu. Na wɔne wɔn agya hunuu wɔn dwetɛ mmoa no, wɔsuroe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbae sɛ wɔreyiyi wɔn nkotoku mu ade no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛboaa hyɛ ne kotoku mu. Na wɔne wɔn agya huu wɔn dwetɛmmoaa no, wosuroe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui.