Genesis 42:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburoo ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuammarima no kɔduruu nʼanim no, wɔbuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuu fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yosef ne asase no so tumfoɔ, ɔne deɛ ɔtɔn aduane ma asase no sofoɔ nyinaa. Na Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yosef ne asase no so tumfoɔ, ɔne deɛ ɔtɔn aduane ma asase no sofoɔ nyinaa. Na Yosef nuanom ba bɛkotoo no de wɔn anim butubutuu fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yosef ne asase no so tumfo, ɔne nea ɔtɔn aduan ma asase no sofo nyinaa. Na Yosef nuanom bae bɛkotow no de wɔn anim butubutuw fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam.