Genesis 43:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a yɛresane akɔ yɛn kurom a adeɛ saeɛ, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoeɛ hɔ na yɛbuebuee yɛn nkotokuo ano, na yɛhunuu sɛ obiara sika a ɛkura no a anka ɔde rekɔtɔ aburoo no hyɛ ne kotokuo no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno enti, yɛasane de aba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yɛkɔduruu asoɛeɛ na yɛsanesanee yɛn nkotokuo ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotokuo ano, yɛn dwetɛ sɛdeɛ wɔkariiɛ no pɛ, na yɛkura de asane aba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yɛkɔduruu asoɛeɛ na yɛsanesanee yɛn nkotokuo ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotokuo ano, yɛn dwetɛ sɛdeɛ wɔkariiɛ no pɛ, na yɛkura de asane aba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yekoduu asoɛe na yɛsansan yɛn nkotoku ano no, na hwɛ, yɛn nyinaa dwetɛ hyehyɛ yɛn nkotoku mu, yɛn dwetɛ sɛnea wɔkarii no pɛ, na yekurae de asan aba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a yɛresan akɔ yɛn kurom a ade sae, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoɛe hɔ na yebuebuee yɛn nkotoku ano, na yehuu sɛ obiara sika a okurae a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ ne kotoku no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, yɛasan de aba.