Genesis 43:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsomfoɔ panin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ asɛm biara. Monnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Onyame a ɔsom no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotokuo no mu maa mo. Na mo sika no deɛ, yɛgyeeɛ.” Afei, ɔyii Simeon firii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo mo nkotokuo mu ademudeɛ, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na ɔyii Simeon brɛɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse: Asomdwoeɛ nka mo, monnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo mo nkotokuo mu ademudeɛ, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na ɔyii Simeon brɛɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose: Asomdwoe nka mo, munnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo agya Nyankopɔn ama mo, mo nkotoku mu ademmude, mo dwetɛ no kaa me nsa. Na oyii Simeon brɛɛ wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsomfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ asɛm biara. Munnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Nyame a ɔsom no no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotoku no mu maa mo. Na mo sika no de, yegyei.” Afei, oyii Simeon fii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.