Genesis 43:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anuanom no buaa wɔn agya Israel sɛ, “Owura no nyaa adagyeɛ, too ne bo ara bisaa yɛn ne yɛn abusuafoɔ ho nsɛm nyinaa sɛ, ‘Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua foforɔ bi ka mo ho?’ Nsɛm a ɔbisaa yɛn no na yɛbuaa no. Na yɛnnim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔse: Bisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ nua bi anaa? Deɛ ɔbisabisaeɛ yi ara na yɛbuaeɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɔbɛbisa yɛn sɛ: Momfa mo nua mmra?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔse: Bisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ nua bi anaa? Deɛ ɔbisabisaeɛ yi ara na yɛbuaeɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɔbɛbisa yɛn sɛ: Momfa mo nua mmra?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wose: Obisa na ɔbarima no bisaa yɛn, yɛn ne yɛn abusua ho asɛm sɛ: Mo agya da so te ase anaa? Mowɔ onua bi anaa? Nea obisaa yɛn yi ara na yebuae. So yenim sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ: Momfa mo nua no mmra anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”