Genesis 44:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yuda buaa sɛ, “Anoyie bɛn na yɛbɛtumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahunu sɛ yɛnni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfoɔ afɔdie yi adi. Yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa”.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yuda kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnse me wura? Na ɛdeɛn na yɛnka? Na yɛnyi yɛn ano sɛn? Onyankopɔn ahunu wo nkoa amumuyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne deɛ wɔhunuu ne nsam kuruwa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yuda kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnse me wura? Na ɛdeɛn na yɛnka? Na yɛnyi yɛn ano sɛn? Onyankopɔn ahunu wo nkoa amumuyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne deɛ wɔhunuu ne nsam kuruwa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yuda se: Dɛn na yense me wura? Na dɛn na yɛnka? Na yenyi yɛn ano dɛn? Onyankopɔn ahu wo nkoa amumɔyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda buae se, “Anoyi bɛn na yebetumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu sɛ yenni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa.”